Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Nyansa asi ne dan, wasen n’adum asɔn; |
| 2 |
| wakum ne mmoa, wafra ne nsa, na wasiesie ne pon nso; |
| 3 |
| wasoma ne mmaawa, ɔkɔteɛm kurow mu sorɔnsorɔmmea so sɛ: |
| 4 |
| Nea ɔyɛ atetekwaa mman ha! Na nea onni ti no, ose no sɛ: |
| 5 |
| Mommra mmedi m’aduan no bi, na monnom me nsa a mafra no bi. |
| 6 |
| Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so. |
| 7 |
| Nea ɔteɛ ɔfɛwdifo so no soa aniwu, na nea ɔka ɔbɔnefo anim no nya nkekae. |
| 8 |
| Nka ɔfɛwdifo anim na wantan wo; ka onyansafo anim, na ɔbɛdɔ wo. |
| 9 |
| Tu onyansafo fo, na ɔbɛkɔ so ahu nyansa, ma ɔtreneeni nhu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu, |
| 10 |
| Ampa ara nyansa mfiase ne AWURADE suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu. |
| 11 |
| Na me nti wo nna de bɛdɔɔso, na wɔde nkwa mfe bɛka wo ho. |
| 12 |
| Sɛ wuhu nyansa a, wuhu fa, na sɛ wudi fɛw a, wo nko na wobɛsoa. |
| 13 |
| Ɔbea kwasea yɛ ɔkasafo, tibɔnkɔso a onnim hwee; |
| 14 |
| ɔtena ne fi abobow ano, kurow mu sorɔnsorɔn hɔ agua so, |
| 15 |
| sɛ ɔrefrɛ wɔn a wɔresen ɔkwan so, wɔnam wɔn nkwammɔe so tee no sɛ: |
| 16 |
| Nea ɔyɛ atetekwaa mman ha! Na nea onni ti nso, ose no sɛ: |
| 17 |
| Nsu a wowia yɛ fremfrem, na ahintaduan yɛ dɛ! |
| 18 |
| Nso onii no nnim sɛ nsamanfo wɔ hɔ, asaman abun mu na wɔn a wahyia wɔn no wɔ. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/proverbs/009.mp3
31
9