Na saa nso na mihuu abɔnefo a wosiee wɔn, na wɔhyɛn wɔn home mu, nanso wɔn a wɔyɛɛ nea ɛfata no, wofi kronkronbea kɔe na ani paa wɔn so kurow mu. Eyi nso yɛ ahuhude.
Ahuhude bi nso wɔ asase so: Sɛ atreneefo bi wɔ hɔ a ade a ɛfata abɔnefo nneyɛe bɛto wɔn, na abɔnefo nso wɔ hɔ a ade a ɛfata atreneefo nneyɛe bɛto wɔn. Mekae sɛ eyi nso yɛ ahuhude.
Ɛnna mekamfoo anigye, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia ase, gye sɛ odidi na ɔnom na n’ani gye, na eyi ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ma no owia ase no mu.
ɛnna mihuu Onyankopɔn nneyɛe nyinaa, sɛ onipa ntumi nhu nneɛma a wɔyɛ owia ase no, sɛnea onipa bɛbrɛ de ahwehwɛ, nanso ɔrenhu, na sɛ onyansafo nso ka sɛ obehu a, ɔrentumi nhu.