Na eyi nyinaa na mede mehyɛɛ me komam, na mehwehwɛɛ eyi nyinaa mu, sɛ atreneefo ne anyansafo ne wɔn nnwuma wɔ Onyankopɔn nsam, ɔdɔ oo, ɔtan oo, onipa nnim, nneɛma nyinaa yɛ wɔn pɛ.
Ade nyinaa ba ateasefo nyinaa so pɛ, nkrabea koro na ɛda hɔ ma ɔtreneeni ne ɔbɔnefo, nea ne ho tew, ne nea ne ho ntew, nea ɔbɔ afɔre ne nea ɔmmɔ afɔre; nea ɔteɛ te sɛ ɔdebɔneyɛfo, nea ɔka ntam te sɛ nea osuro ntanka.
Eyi yɛ bɔne nea wɔyɛ owia ase no nyinaa mu, sɛ nkrabea koro da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ nnipa mma koma ma, na adammɔ wɔ wɔn komam ara wɔn asetena mu, na ɛno akyi wɔkɔ awufo nkyɛn.
Wo ne wo yere a wodɔ no ntena ase nni wo nkwa huhuw nna a ɔde ama wo owia ase no nyinaa, w’ahuhude nna nyinaa, ɛna ɛne wo de nkwa yim ne wo brɛ a worebrɛ owia ase no mu.
Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne mpofirim ade to wɔn nyinaa.
Nso onipa nnim ne bere: Sɛ mpataa a woyi wɔn asawu bɔne mu ne nnomaa a woyi wɔn afiri mu no, saa ara na woyi nnipa mma bere bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.