|
| 1 |
|
| Amos ba Yesaia anisoade a ohui Yuda ne Yerusalem ho. Yuda ahene Usia ne Yotam ne Ahas ne Hesekia bere so. |
|
| 2 |
|
| Ɔsoro, muntie, na asase, yɛ aso, na AWURADE akasa. Mma a matetew wɔn na mama wɔn so na wɔn de, wɔabɔ me so ko. |
|
| 3 |
|
| Nantwi nim ne wura, na afurum nim ne wura adididaka, na Israel de, onnim, me man nni ntease. |
|
| 4 |
|
| Ao, ɔman nnebɔneyɛfo, ɔman a wɔn asodi yɛ duru, amumɔyɛfo asefo mma a waporɔw wɔagyaw AWURADE, wɔatew Israel kronkronni no ahii, wɔasan wɔn akyi. |
|
| 5 |
|
| Ɛdɛn nti na wɔmmɔ mo ara na mokɔ so tew atua yi? Ti mu no nyinaa yare, na koma mu no nyinaa agurow; |
|
| 6 |
|
| efi nan ase kosi atifi, mudi biara nni ho, apirakuru ne nsoasoae ne akuru momono a etu mogya; wɔntotoe na wɔnkyekyeree, na wɔmfaa ngo nnwudwoo no ɛ. |
|
| 7 |
|
| Mo asase, ada ntuw; mo nkurow, wɔde ogya ahyew, mo mfuw, ananafo redi, mo anim, na asɛe sɛ ananafo abutuw no. |
|
| 8 |
|
| Na Sion babea aka sɛ bobeturo mu sese, sɛ fere turom homebea, sɛ kurow a asraafo atwa ho ahyia. |
|
| 9 |
|
| Sɛ asafo AWURADE annyaw yɛn nkae ketewaa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan sɛ Gomora. |
|
| 10 |
|
| Muntie AWURADE asɛm, Sodom atitiriw, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn kyerɛkyerɛ Gomorafo. |
|
| 11 |
|
| Mo afɔre dodow yɛ me dɛn? AWURADE na ose. Adwennini hyew afɔre ne nyɛmmoa srade afono me, na anantwi ne nguammaa ne mpapo mogya, ɛnsɔ m’ani. |
|
| 12 |
|
| Sɛ moba abepue m’anim a, hena na ose ɔhwehwɛ sɛ mubetiatia m’abangua so? |
|
| 13 |
|
| Monnkɔ so mmmfa ayɛyɛde hunu mmma; aduhuam yɛ me akyide, Ɔsram foforo ne homeda, ne gua a mobɔ no, mintumi nhwɛ amumɔyɛ ne nhyiam kronkron. |
|
| 14 |
|
| Mo asram foforo ne mo afahyɛ no, me kra kyi; ɛyɛ me ɔhaw, emu kura afono me. |
|
| 15 |
|
| Na sɛ motrɛw mo nsam a, meyi m’ani mahintaw mo; nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama. |
|
| 16 |
|
| Munguare, munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ. |
|
| 17 |
|
| Munsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntrenee, monni mma mmɔborɔfo, mommɔ nyisaa ho ban, na mompere mma akunafo. |
|
| 18 |
|
| Mommra mma yensusuw ho ɛ, AWURADE na ose; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa ayɛ sɛ nwera, sɛ ɛbere kɔɔ sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akado. |
|
| 19 |
|
| Sɛ mopɛ na mutie a, mubedi asase so nnepa; |
|
| 20 |
|
| na sɛ moampene na motew atua a, afoa bɛsɛe mo; na AWURADE ano na aka. |
|
| 21 |
|
| Ɛdɛn na kurow nokwafo adan aguaman yi? Nea anka kan atemmu ayɛ no ma, na trenee nso te mu, na afei de, awudifo nko! |
|
| 22 |
|
| Wo dwetɛ adan fi, wo nsa pa, wɔde nsu afra mu. |
|
| 23 |
|
| Wo mansohwɛfo yɛ mansotwefo ne awifo nnamfo; wɔn nyinaa pɛ ademmude na wodi akatua akyi; wonni mma nyisaa, na akunafo asɛm nnu wɔn anim. |
|
| 24 |
|
| Enti Asafo AWURADE, Israel tumfo no, asɛm ni: Ao, meyi m’abufuhyew makyerɛ m’ahohiafo, na mɛtɔ were m’atamfo so. |
|
| 25 |
|
| Na mɛdan me nsa maba wo so, na mede gyakisi mɛnan wo mayi wo mu fi, na mayi wo sumpii mfrafrae nyinaa makɔ. |
|
| 26 |
|
| Na mɛdan w’atemmufo mama wo sɛ kan no, ne w’afotufo sɛ mfiase no; ɛno ansa na wɔbɛfrɛ wo: Trenee man, nokware kurow. |
|
| 27 |
|
| Wɔde atemmu begye Sion, na wɔde trenee agye ne mma a wɔsan ba. |
|
| 28 |
|
| Na wɔbɛdwɛre atuatewfo ne nnebɔneyɛfo prɛko, na wɔn a wogyaw AWURADE no bɛhyew. |
|
| 29 |
|
| Na mo ani bewu nnupɔn a mo ani gyee ho no ho, na moafɛre nturo a mopawee no ho. |
|
| 30 |
|
| Na mobɛdan sɛ dupɔn a n’ahaban apo, na moayɛ sɛ turo a nsu nni mu; |
|
| 31 |
|
| Na ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ asaawa mfuturu, na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturuturuwii, wɔ ne wɔn nnwuma nyinaa bɛhyew, a obiara rennum. |
|
|
|
|