×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Yesaia 15

1
Moab ho atemmusɛm. Sɛ anadwo biako wɔasɛe Ar-moab abɔ no, sɛ anadwo biako wɔasɛe Kir-moab abɔ no nti,
2
wɔreforo akɔ Dibon ne sorɔnsorɔmmea akosu, Nebo ne Medeba; Moab retwa adwo, wɔn nyinaa abobɔ tikwaw wɔn nyinaa ayiyi wɔn bogyesɛ;
3
wofurafura atweaatam, wɔn mmorɔn so, na wɔn adan atifi ne wɔn mpɔtam, wɔn nyinaa retwa adwo, nusu abu wɔn kɔn.
4
Na Hesbon ne Eleale teɛm ma wɔte wɔn nne kodu Yahas, eyi nti na Moab akofo teɛm dennen; ne kra ho popo.
5
Me koma su ma Moab, na n’aguanfo kodu Soar, kodu Eglat-selisiya, na Luhit aforoe no, wɔde nusu foro, na Horonaim kwan mu wɔma ɔsɛe adwotwa so.
6
Na Nimrim asu no asɛe pɔtɔɔ, na sare aguan, na wura asa, wura momono nni hɔ bio.
7
Enti ade a wɔanya asie ne wɔn akorade no, wɔsoa kotwa Mpampuro Subon.
8
Na osu no atwa Moab asase so ahyia, ne su adu Eglaim, ne su nso adu Beer-elim.
9
Na mogya ayɛ Dimon nsu no ma, na mede ade foforo nso meka Dimon ho; gyata bɛba Moab aguanfo ne asase no so nkae no so.
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw