Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛhe fa na yemfi nkɔ? A, ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Nea ɔsɛ owu no nkɔ owu mu, na nea ɔsɛ afoa ano no nkɔ afoa ano na nea ɔsɛ ɔkɔm no nkɔ ɔkɔm mu, na nea ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu.
Na nneɛma horow anan na mɛma aba wɔn so, AWURADE asɛm ni: Afoa a wɔde bekum wɔn, ne akraman a wɔbɛtwetwe wɔn, ne wim nnomaa ne asase so mmoa a wobedi wɔn asɛe wɔn.
ɔbea a wawo ason agurow, wagyaa mu; ade nnya nsae na ne wia atɔ, n’ani awu na n’anim agu ase; na meyi wɔn nkae mama afoa, wɔn atamfo anim, AWURADE asɛm ni.
Enti sɛ AWURADE se ni: Sɛ wosan a, mede wo mɛsan maba; na woabegyina m’anim; na sɛ wuyi aboɔdenne fi ahuhude mu a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn de, wɔbɛdan aba wo nkyɛn, na wo de, worensan nkɔ wɔn nkyɛn.