Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereyɛ wo ehuyideɛ ama wo ho ne w’adɔfo nyinaa anim, na wɔatotɔ wɔn atamfoɔ afena ano, na w’ani bɛhunu, na mede Yuda nyinaa bɛhyɛ Babel hene nsa, na watu wɔn akɔ Babel, na ɔde afena akunkum wɔn.
Na mɛyi kuro yi adedodoɔ ne emu mfasodeɛ aboɔdenneɛ nyinaa mama, na mede Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa mahyɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔafomfom afa akɔ Babel.
Na wo, Pasur, ne wo fiefoɔ nyinaa, mobɛkɔ nnommumfa mu, na wobɛkɔ Babel akɔwu wɔ hɔ, na wɔasie wo wɔ hɔ, wo ne w’adɔfoɔ a wohyɛɛ wɔn nkɔntorɔ no nyinaa.
Na mate nnipa pii nsekudie, ehu wɔ afa nyinaa, wɔse: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no. Nnipa a me ne wɔn nni asɛm biara a wɔtete me ho nyinaa ka sɛ: Ebia ɔbɛma wɔagyegye no, na yɛatumi no, na yɛatɔ yɛn were wɔ ne so.
Na AWURADE gyina m’akyiri sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu, ɛno nti m’atifoɔ bɛsuntisunti, na wɔrentumi. Wɔn ani bɛwuwu sɛ, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie, ɛyɛ daa nsopa a werɛ remfire.