Efi Yuda hene Yosia a ɔyɛ Amon ba afe a ɛto so dumiɛnsa so de bedu nnɛ da yi, mfirihyia aduonu abiɛsa yi mu, AWURADE asɛm baa me nkyɛn na mituaa ahema meka mekyerɛɛ mo, na moantie.
hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa, AWURADE asɛm ni, ne m’akoa, Babel hene Nebukadnesar, na mede wɔn maba asase yi ne ɛsotefo so, ne amanaman yi a wɔatwa ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasaa, na mama wɔadan ahodwiriwde ne fɛwdi ne daa amamfo,
ne benkum fam ahene nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu biara, ne asase so ahenni horow a ɛwowɔ asase ani nyinaa no, na Sesak hene na ɔbɛka wɔn nyinaa akyi anom.
Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Monnom na mommobow, na momfefe, na monhwehwe ase, na monnnsɔre, afoa a merema aba mo mu no nti.
Na hwɛ, kurow a wɔde me din ato no so na merefi mama bɔne aba yi, na mo de, mobɛfa mo ho adi sɔnn anaa? Moremfa mo ho nni sɔnn, na mmom afoa na merefrɛ aba asase sofo nyinaa so, asafo AWURADE asɛm ni.
Enti hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ: AWURADE fi sorosoro bobom, na ɔma ne nne so fi tenabea kronkron hɔ, ɔpae na ɔpaepae mu gu ne nguan yɛmmea so, ɔbɔ ose sɛ bobe abawɔwfo hyɛ asase no sofo nyinaa.
Na da no na AWURADE bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei, wɔrenyɛ wɔn ayi, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn, wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.
Mommɔ abubuw, nguanhwɛfo, na monteɛteɛm, na mumpirepirew, nguankuw mu akunini, na mo kum nna adu; na mɛpansam mo na moabobɔ fam sɛ kuruwa a ne bo yɛ den;