Nso odiyifo Yeremia kyerɛw nsɛm yi hyɛɛ nhoma mu de fi Yerusalem menaa atukɔfo no mu mpanyimfo nkae ne asɔfo ne adiyifo ne nkurɔfo a Babel hene Nebukadnesar tuu wɔn fii Yerusalem kɔɔ Babel no nyinaa,
Monwareware yerenom, na monwowo mmabanin ne mmabea, na monwareware yerenom mma mo mma, na momfa mo mmabea mmoma okununom aware, na wɔnwowo mmabanin ne mmabea, na monnɔɔso ɛhɔnom na moansua.
Na mɛma moahu me, AWURADE asɛm ni. Na mede mo nnommum mɛsan aba, na maboa mo ano afi amanaman a mapam mo akɔ hɔ no nyinaa mu, AWURADE asɛm ni, na mede mo mɛsan aba nea mema wotuu mo fii hɔ kɔe no.
Na mede afoa, ɔkɔm ne owuyare metiw wɔn, na mama wɔaguan wɔn ho asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadan nnome ne ahodwiriwde ne fɛwdi ne ahohorade, amanaman a mapam wɔn akɔ hɔ no mu,
Sɛɛ na asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka, Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔde me din hyɛ mo nkɔntoro no ho: Hwɛ, mede wɔn merehyɛ Babel hene Nebukadnesar nsa, na wakum wɔn mo anim.
esiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafofa wɔn mfɛfo yerenom, na wɔaka me din mu atosɛm a menhyɛɛ wɔn ɛ, na me na minim, na mene dansefo, AWURADE asɛm ni.
Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo ara wo din mu wode nhoma amena ɔman a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne Maaseia ba ɔsɔfo Sefania ne asɔfo no nyinaa sɛ:
Soma kose atukɔfo no nyinaa sɛ: Sɛɛ na AWURADE ka Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm, na mansoma no, na wama mode mo ho ato atoro so nti,
sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mereba mabɛtwe Nehelamni Semaia ne n’asefo aso, ɔrennya obi a ɔbɛtena ɔman yi mu a, obehu papa a merebɛyɛ me man no, AWURADE asɛm ni, efisɛ waka atuatew atia AWURADE.