bɛka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotɔsrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpae ma yɛn ne nkae yi nyinaa, efisɛ yɛne kakraa bi a yɛaka nnipa bebree mu, sɛnea wuhu yɛn yi,
Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mate. Hwɛ, merebɛbɔ AWURADE mo Nyankopɔn mpae sɛ mokae no, na asɛm biara a AWURADE bebua mo no, mɛka makyerɛ mo; meremfa asɛm biara minsiw mo.
Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: AWURADE nyɛ yɛn nokware dansefo pintinn sɛ AWURADE wo Nyankopɔn asɛm biara a ɔde bɛsoma wo yɛn nkyɛn no, sɛ ɛnyɛ saa na yɛbɛyɛ a, yɛka!
ɛnne afei muntie AWURADE asɛm, mo Yuda nkae a aka yi: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛ mode mo ani to so sɛ mobɛkɔ Misraim akɔsoɛ hɔ ahɔho a,
Na mmarima a wɔde wɔn ani to so sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔyɛ hɔ ahɔho no nyinaa bewuwu afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na wɔn mu biara renka, anaasɛ ɔremfi bɔne a mede mɛba wɔn so no mu.
Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛnea m’abufuw ne m’abufuhyew hwie guu Yerusalemfo so no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyew behwie agu mo so, na moadan ntankade ne ahodwiriwde ne nnome ne nsopa, na morenhu ha yi bio.
Na moatwa mo ankasa mo kra nkontompo, efisɛ mo ara na mosomaa me AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na sɛnea AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa no, saa na ka kyerɛ yɛn na yɛnyɛ.