Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: |
| 2 |
| Onipa ba, dɛn na obobe dua de sen nnua nyinaa, obobe baa a ɛwɔ wura mu nnua mu no? |
| 3 |
| So wɔfa mu dua de yɛ adwuma bi, anaasɛ wɔfa mu bi yɛ bofunnua, sɛ wɔde ade biara bɛsɛn so? |
| 4 |
| Hwɛ, wɔde gu ogya mu, na ahyew. Sɛ ogya ahyew ano abien, na mfinimfini ahyew a, so ɛfata adwuma bi yɛ anaa? |
| 5 |
| Hwɛ, ɛda so di mu no, wɔmfa nyɛ hwee hwee, na menne sɛ ogya ahyew na ahyew dwɛɛ yi, na wɔde bɛyɛ biribi bio anaa? |
| 6 |
| Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛnea obobe dua te kwae mu nnua mu, a mede mema ogya ma ɛhyew no, saa na mede Yerusalemfo mɛma, |
| 7 |
| na meyi m’ani masa wɔn; wofi ogya mu, na ogya ara na ɛbɛhyew wɔn, na moahu sɛ mene AWURADE, m’ani a miyi mesa wɔn no mu; |
| 8 |
| na mɛma asase no adan afo, efisɛ wɔadi afomfonsɛm, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/ezekiel/015.mp3
48
15