Na ka kyerɛ Amonfo no sɛ: Muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ moka sɛ: Wiɛɛ! Sɛ me kronkronbea ho ahura, ne Israel asase ho, sɛ ayɛ afo, ne Yuda ofi ho nso, sɛ wɔkɔ tukɔ mu nti,
Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ woabɔ wo nsam na wode wo nan apempem fam na w’ahantan nyinaa mu woama wo koma atɔ wo yam Israel asase ho no nti,
hwɛ, mereteɛ me nsa mahyɛ wo, na mede wo mayɛ amanaman asade, na matwa wo afi aman mu, na masɛe wo afi nsaase mu, na madwerɛw wo, na woahu sɛ mene AWURADE.