kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Misraim hene Farao, asuboa kɛse a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ: M’asubɔnten wɔ me, me ara na meyɛ mefae.
Na mede akɔtɔkoro mewura w’afono mu, na mama w’asubɔnten mu mpataa afomfam w’abona ho, na matwe wo afi w’asubɔnten mu aba, ne w’asubɔnten mu mpataa a ɛfomfam w’abona ho no nyinaa;
na mɛtow wo akyene sare so, wo ne w’asubɔnten mu mpataa nyinaa; sare petee ani na wobɛtɔ, wɔrentase wo na wɔremmoa w’ano; asase so mmoa ne wim nnomaa na mede wo mɛyɛ wɔn aduan.
Enti, hwɛ, me ne wo ne w’asuten horow no anya, na mɛyɛ Misraim asase no afoafo, amamfo ne ahodwiriwde, afi Siene abantenten ho akosi Etiopia hye so tɔnn.
Na mɛyɛ Misraim asase pasaa, nsaase a ayɛ pasaa mu, na ne nkurow ada mpan, nkurow afoafo mu, mfirihyia aduanan, na mɛbɔ Misraim mapete amanaman mu, na mapansam wɔn magu nsaase so.
Onipa ba, Babel hene Nebukadnesar maa ne dɔm som Tiro ɔsom kɛse, atifi nyinaa popae, na mmati nyinaa ho worɔworɔwee, nanso akatua bi amfi Tiro anka ɔno ne ne dɔm nsa, ɔsom a ɔsom ho no so.
Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babel hene Nebukadnesar, na wasoa n’asafo yuu akɔ, na wafa n’asade, na wafow n’afowde, na ayɛ ne dɔm no akatua;