N’abaa frɔmfrɔm no mu na wim nnomaa nyinaa yeyɛɛ mmerebuw, na n’abaa akɛse no ase na wuram mmoa nyinaa wowoo wɔn mma, na n’ase nwini mu na amanaman akɛse nyinaa tenae.
nkyeneduru ankyɛn no, Onyankopɔn turo mu, apopaw nnua nte sɛ n’abaa frɔmfrɔm, na ɔkyɛnkyɛn nte sɛ n’abaa akɛse; dua biara nni Onyankopɔn turo mu a ɛsɛ no n’ahoɔfɛ mu;
Na ananafo, amanaman mu anuɔdenfo, tow no gui na wogyaw no; mmepɔw so ne abon nyinaa mu na ne nnubaa gugui, na n’abaa akɛse no bubui asase so nsubon nyinaa mu, na asase so aman nyinaa fii ne nwini no mu sian kɔ gyaw no.
Ɛyɛɛ saa na nsu ho nnua nyinaa mu biara amma ne ho so, ne korɔn nti, na anyiyi ne ntɛntɛnoa, amununkum mu, na wɔn atumfo amma wɔn ho so annyina wɔn ahantan mu, wɔn a wɔnom nsu nyinaa, efisɛ wɔde wɔn nyinaa ama owu akɔ asase ase tɔnn, nnipa mma nyinaa mu, akɔ wɔn a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn.
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Da a osian kɔɔ asaman no, memaa nkɔmmɔdi bae, ne nti memaa ebun so katae, na misiw ne nsubɔnten ano, na wosiankaa nsu bebree no; na memaa Lebanon furaa no so birisi tumm, na ne nti wuram nnua nyinaa botowee.
N’asehwe gyegyeegye so memaa amanaman wosowee, bere a mereduru no makɔ asaman maka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho no; na Eden nnua nyinaa, Lebanon ade a wɔapaw a eye no, wɔn a wɔnom nsu nyinaa, bo tɔe, asase ase.
Ɛhena na wosɛ no saa, anuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no besian akɔ asase ase, momonotofo mu na wobɛda, nkrante ano atɔfo nkyɛn. Farao ne n’asafo yuu nyinaa ni, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.