×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Yona 2

1
Na Yona fi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpae sɛ:
2
Mifi m’ahohia mu misu mefrɛɛ AWURADE, na otiee me; mifi asaman bun mu meteɛɛm, na woate me nne.
3
Na wotow me kyenee ebun mu, ɛpo koma mu, na ɔhweam twaa me ho hyiae; w’asorɔkye ne w’aworo nyinaa bu faa me so.
4
Na me nso mise: Wɔatu me afi w’anim, nanso mɛkɔ so mahwɛ w’asɔrefi kronkron no kwan.
5
Nsu betwaa me ho hyiae beduu ɔkra ho, ebun twaa me ho sii, ɛpo mu wura kyekyeree me ti;
6
misian mekɔɔ mmepɔw ntini ho tɔnn mekɔɔ asamando na wɔkaa me too koransan kosii daa, nanso wo AWURADE yii me fii owu amoa mu, AWURADE me Nyankopɔn.
7
Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE, na me mpaebɔ duu wo nkyɛn, yiw w’asɔrefi kronkron hɔ.
8
Wɔn a wodi atoro ahoni akyi no, pa wɔn dom no.
9
Na me de, mede aseda nne mɛbɔ wo afɔre, nea mahyɛ ho bɔ no, metua; efisɛ nkwagye fi wo AWURADE hɔ.
10
AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase kesee so.
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw