Onyankopɔn yɛ ninkufo ne weretɔfo ne AWURADE, ampa ara ɔweretɔfo ne AWURADE, na abufuw tumi ahyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiafo so were, na n’abufuw wɔ hɔ ma n’atamfo.
AWURADE bo kyɛ fuw, na n’ahoɔden so, na ɔremmu ɔbɔnefo bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na amununkum yɛ ne nan ase mfutuma.
Sɛ AWURADE se ni: Sɛ mudi mu na mo dɔɔso saa po a, wobetwitwa mo agu saa ara, na moatwam akɔ. Ao Yuda, na sɛ mebrɛɛ wo ase mpo a, afei de meremmrɛ wo ase bio;
Na wo Niniwe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ wo din bɛyera afi asase so; metwitwa ohoni a wɔasen ne ogu honi afi wo nyame fi; mɛbɔ wo damoa, efisɛ woadan atantanne.