Monnyɛ sɛ mo agyanom a kan adiyifo no pae mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Monsan mfi mo akwammɔne ne mo nsɛnnii bɔne no so, nanso wɔante, na me nso, wɔantie me, Awurade asɛm ni.
Nanso me nsɛm ne m’ahyɛde a mehyɛɛ me nkoa adiyifo no, so anto mo agyanom? Na wɔsanee na wɔkae sɛ: Sɛnea asafo Awurade dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛe te no, saa na ɔne yɛn adi no.
Ɔsram a ɛto so dubiako a ɛne ɔsram Sebat [a ɛte sɛ Ogyefuo] da a ɛto so aduonu anan, Dario afe a ɛto so abien mu no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn sɛ:
Mihui anadwo, na hwɛ, ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ogyina ohuannua a ɛwɔ obon mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne fitaa gyinagyina n’akyi. Na mibisaa sɛ: Me wura, eyinom yɛ dɛn?
Ɛnna Awurade bɔfo no buae sɛ: Asafo Awurade, enkosi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo ahuru ahyɛ wɔn mfirihyia aduɔsɔn ni no?
Enti sɛ Awurade se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo Awurade asɛm ni, na wɔbɛtwe susuhama mu Yerusalem so.
Na mibisaa sɛ: Ɛdɛn na eyinom bɛyɛe? Na ose: Eyinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda petee na obi amma ne ti so no, na eyinom baa wɔn ehuyi, sɛ wobetutu amanaman a wɔmaa abɛn so hyɛɛ Yuda asase de bɔɔ wɔn petee no.