|
| 1 |
|
| Na ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa adwodwo, |
|
| 2 |
|
| na wɔtɛɛ no sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano. |
|
| 3 |
|
| Na ɔsee onipa a ne nsa adwodwoɔ no sɛ: Sɔre gyina ha. |
|
| 4 |
|
| Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa anaa bɔne homeda? Sɛ wɔgye obi nkwa anaasɛ wɔkum no? Na wɔyɛɛ komm. |
|
| 5 |
|
| Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie. |
|
| 6 |
|
| Na Farisifoɔ no firii adie no, ntɛm ara wɔne Herodefoɔ kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛsɛe no. |
|
| 7 |
|
| Na Yesu ne n’asuafoɔ no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuo pii firi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wɔfiri Yudea, |
|
| 8 |
|
| Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipakuo pii a wɔtee nnoɔma a ɔyɛeɛ no baa ne nkyɛn. |
|
| 9 |
|
| Na ɔsee n’asuafoɔ no sɛ, nkurɔfokuo no nti wɔmma kodoɔ ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere ne so. |
|
| 10 |
|
| Na ɔsaa nnipa pii yadeɛ nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛsosɔ ne mu. |
|
| 11 |
|
| Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteam sɛ: Wone Nyankopɔn ba no. |
|
| 12 |
|
| Na Yesu baraa wɔn ketee sɛ wɔnnyi no nkyerɛ. |
|
| 13 |
|
| Na ɔkɔɔ bepɔ so; na ɔfrɛɛ wɔn a ɔno ara pɛ, na wɔbaa ne nkyɛn. |
|
| 14 |
|
| Na ɔyii wɔn mu dummienu sɛ wɔnka ne ho, na ɔnsoma wɔn asɛnka, |
|
| 15 |
|
| na wɔanya ahonhommɔne tuo so tumi. |
|
| 16 |
|
| Na ɔyii dummienu no, ɔtoo Simon din Petro; |
|
| 17 |
|
| Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Bo-anerges, aseɛ ne aprannaa mma; |
|
| 18 |
|
| ne Andrea, ne Filipo ne Bartolomeo, ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo, ne Kanani Simon, |
|
| 19 |
|
| ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no. |
|
| 20 |
|
| Na ɔbaa fie; na nkurɔfokuo bɛhyiaa bio a enti wɔantumi annidi mpo. |
|
| 21 |
|
| Na n’abusuafoɔ teeɛ no, wɔfiri baa sɛ wɔrebɛtwe no akɔ, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Ne tiri mu ka no. |
|
| 22 |
|
| Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ: Ɔwɔ Beelsebul, na ahonhommɔne panin so na ɔnam tutu ahonhommɔne. |
|
| 23 |
|
| Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan bɛtumi atu Satan? |
|
| 24 |
|
| Na sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, ahennie no ntumi nnyina. |
|
| 25 |
|
| Na sɛ efie bi ne ne ho di asie a, efie no ntumi nnyina. |
|
| 26 |
|
| Na sɛ Satan sɔre ɔno ara ne so, na ɔne ne ho di asie a, ɔrentumi nnyina, ɛnneɛ na n’awieeɛ ara ne no. |
|
| 27 |
|
| Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie nkɔto nhyɛ no so mfom n’afideɛ mfa, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfoɔ no kane, ansa na wafom ne fie nnoɔma. |
|
| 28 |
|
| Nokorɛ mese mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bɛkyɛ wɔn; |
|
| 29 |
|
| na mmom deɛ ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no deɛ, ɔrennya fakyɛ da, na daa afobuo da ne so. |
|
| 30 |
|
| Ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Ɔwɔ honhom fi. |
|
| 31 |
|
| Ɛnna ne na ne ne nuanom ba bɛgyinaa afikyire, soma kɔɔ ne nkyɛn kɔfrɛɛ no. |
|
| 32 |
|
| Na nkurɔfokuo tete ne ho. Na wɔsee no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina adihɔ rehwehwɛ wo. |
|
| 33 |
|
| Na ɔbuaa wɔn sɛ: Hwannom ne me na ne me nuanom? |
|
| 34 |
|
| Na ɔtwaa n’ani hwɛɛ wɔn a wɔtete ne ho hyiaeɛ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom nie! |
|
| 35 |
|
| Na obiara a ɔbɛyɛ deɛ Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne me nuabaa ne me na. |
|
|
|
|