|
| 1 |
|
| Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Ɛdan sɛ dɛn ara a, hintiduato bɛba de, nanso nea ɛnam no so bɛba no nnue! |
|
| 2 |
|
| Anka eye ma no sɛ wɔde owiyammo kyekyere ne kɔn mu kɔtow no kyene po mu sen sɛ ɔbɛto nketewa yi mu biako hintidua. |
|
| 3 |
|
| Monhwɛ mo ho so yiye! Na sɛ wo nua fom a, ka n’anim; na sɛ ɔsakra n’adwene a, fa kyɛ no! |
|
| 4 |
|
| Na sɛ ɔfom wo mpɛn ason da koro, na ɔsan ba wo nkyɛn mpɛn ason ka sɛ: Masakra m’adwene a, fa kyɛ no! |
|
| 5 |
|
| Na asomafo no see Awurade sɛ: Ka yɛn gyidi ho! |
|
| 6 |
|
| Na Awurade se: Sɛ mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ ankye dua yi sɛ: Wo ntini ntutu na kɔtɛw ɛpo mu! Na ebetie mo. |
|
| 7 |
|
| Mo mu hena na ɔwɔ akoa a ofuntum asase anaasɛ ɔhwɛ mmoa, na ofi afum ba ofie a, obese no sɛ: Bɛsen ntɛm kɔtena adidii? |
|
| 8 |
|
| Na ɔrense no sɛ: Siesie nea medi, na bɔ abɔso bɛsom me, na minnidi na mennom ansa, na akyiri no, wo nso woakodidi na woanom? |
|
| 9 |
|
| Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ nea wɔahyɛ no no? |
|
| 10 |
|
| Saa ara na mo nso sɛ moyɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn so; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. |
|
| 11 |
|
| Na ɛbae sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea. |
|
| 12 |
|
| Na ɔrekɔ akuraa bi ase no, mmarima du bi a wɔyɛ akwatafo hyiaa no a wogyinagyina akyirikyiri, |
|
| 13 |
|
| na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Owura Yesu, hu yɛn mmɔbɔ! |
|
| 14 |
|
| Na ohuu wɔn no, osee wɔn sɛ: Monkɔ na momfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfo. Na ɛbae sɛ wɔrekɔ no, wɔn ho fii. |
|
| 15 |
|
| Na wɔn mu biako hui sɛ ne ho asan no, ɔsan n’akyi de nne kɛse beyii Nyankopɔn ayɛ, |
|
| 16 |
|
| na ɔde n’anim butuw fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno de, ɔyɛ Samariani. |
|
| 17 |
|
| Na Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ du no na wɔn ho fii? Na baakron no de, wɔwɔ he? |
|
| 18 |
|
| Wɔanhu wɔn mu biara a ɔsan de anuonyam brɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnanani yi nko? |
|
| 19 |
|
| Na osee no sɛ: Sɔre kɔ, wo gyidi agye wo. |
|
| 20 |
|
| Na Farisifo no bisaa no sɛ da bɛn na Onyankopɔn ahenni bɛba no, obuaa wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni mma sɛ ani tuae, |
|
| 21 |
|
| nanso wɔrenka sɛ: Hwɛ ha anaa ɛhɔ! Na hwɛ, Onyankopɔn ahenni no, mo mu na ɛwɔ. |
|
| 22 |
|
| Na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mubehu Onipa Ba no nna no mu biako, na morenhu. |
|
| 23 |
|
| Na wobese mo sɛ: Hwɛ ha! Anaa: Hwɛ hɔ! a, monnkɔ, nso munnni wɔn akyi! |
|
| 24 |
|
| Na sɛnea anyinam a ɛpa tew ɔsoro ase fa hyerɛn kɔ ɔsoro ase, fa baabi no, saa ara nso na onipa Ba no bɛyɛ ne da no mu. |
|
| 25 |
|
| Nanso etwa sɛ ohu amane pii na nnɛ mma yi po no ansa. |
|
| 26 |
|
| Na sɛnea ɛyɛe Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ onipa Ba no nna mu. |
|
| 27 |
|
| Wodidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa aware de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na nsuyiri no bae, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa. |
|
| 28 |
|
| Sɛ nso ɛyɛe Lot nna mu no, wodidii, wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, woduae, na wɔsisii adan. |
|
| 29 |
|
| Na da a Lot fii Sodom kɔe no, na ogya ne sufre fi soro tɔe, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa. |
|
| 30 |
|
| Saa ara na ɛbɛyɛ ɛda a onipa Ba no beyi ne ho adi no. |
|
| 31 |
|
| Da no ara, nea ɔwɔ ɔdan atifi na ne biribi wɔ ɔdan mu no, mma onnsian mmmɛfa; na nea ɔwɔ afuw mu no nso, mma ɔnnsan n’akyi. |
|
| 32 |
|
| Monkae Lot yere no! |
|
| 33 |
|
| Obiara a ɔbɛhwehwɛ sɛ ogye ne kra no, ebefi ne nsa, na obiara a ne kra befi ne nsa no wobegye no nkwa. |
|
| 34 |
|
| Mise mo sɛ: Anadwo no, nnipa baanu bɛda mpa koro so; wɔbɛfa obiako, na wɔagyaw obiako. |
|
| 35 |
|
| Mmea baanu bɛbom ayam awi; wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako. |
|
| 36 |
|
| [Mmarima baanu bɛtena afum; wɔbɛfa obiako, na wɔagyaw obiako.] |
|
| 37 |
|
| Na wobua see no sɛ: Ɛhe, Awurade? Na osee wɔn sɛ: Nea funu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano. |
|
|
|
|