|
| 1 |
|
| Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Ɛdane sɛ deɛn ara a, suntiduatoɔ bɛba deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue! |
|
| 2 |
|
| Anka ɛyɛ ma no sɛ wɔde ayuyammoɔ kyekyere ne kɔn mu kɔto no twene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako suntidua. |
|
| 3 |
|
| Monhwɛ mo ho yie! Na sɛ wo nua fom a, ka n’anim; na sɛ ɔsakyera n’adwene a, fa kyɛ no! |
|
| 4 |
|
| Na sɛ ɔfom wo mprɛnson da koro, na ɔsane ba wo nkyɛn mprɛnson ka sɛ: Masakyera m’adwene a, fa kyɛ no! |
|
| 5 |
|
| Na asomafoɔ no see Awurade sɛ: To yɛn gyidie mu! |
|
| 6 |
|
| Na Awurade se: Sɛ mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ akyee yi sɛ: Wo nhini ntutu na kɔtim ɛpo mu! Na ɛbɛtie mo. |
|
| 7 |
|
| Mo mu hwan na ɔwɔ akoa a ɔfuntum asase anaasɛ ɔhwɛ mmoa, na ɔfiri afuom ba fie a, ɔbɛse no sɛ: Bɛsene ntɛm kɔtena adidiiɛ? |
|
| 8 |
|
| Na ɔrense no sɛ: Siesie deɛ mɛdie, na bɔ abɔsoɔ bɛsom me, na mennidi na mennom ansa, na akyire yi no, wo nso woakɔdidi na woanom? |
|
| 9 |
|
| Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ deɛ wɔahyɛ no no? |
|
| 10 |
|
| Saa ara na mo nso sɛ moyɛ deɛ wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfasoɔ nni yɛn so; yɛayɛ deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ. |
|
| 11 |
|
| Na ɛbaa sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea. |
|
| 12 |
|
| Na ɔrekɔ akuraa bi aseɛ no, mmarima du bi a wɔyɛ akwatafoɔ hyiaa no a wɔgyinagyina akyirikyiri, |
|
| 13 |
|
| na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Owura Yesu, hu yɛn mmɔbɔ! |
|
| 14 |
|
| Na ɔhunuu wɔn no, ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ mfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ. Na ɛbaa sɛ wɔrekorɔ no, wɔn ho fiiɛ. |
|
| 15 |
|
| Na wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho asan no no, ɔsanee n’akyi de nne kɛseɛ bɛyii Onyankopɔn ayɛ, |
|
| 16 |
|
| na ɔde n’anim butuu fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno deɛ, na ɔyɛ Samariani. |
|
| 17 |
|
| Na Yesu buaa sɛ: Ɛnyɛ du no na wɔn ho fiiɛ? Na baakron no deɛ, wɔwɔ he? |
|
| 18 |
|
| Wɔanhunu wɔn mu biara a ɔsane de animuonyam brɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnanani yi nko? |
|
| 19 |
|
| Na ɔsee no sɛ: Sɔre kɔ, wo gyidie agye wo. |
|
| 20 |
|
| Na Farisifoɔ no bisaa no sɛ da bɛn na Nyankopɔn ahennie bɛba no, ɔbuaa wɔn sɛ: Nyankopɔn ahennie mma sɛ ani tua, |
|
| 21 |
|
| nanso wɔrenka sɛ: Hwɛ ha anaa ɛhɔ! Na hwɛ, Nyankopɔn ahennie no, mo mu na ɛwɔ. |
|
| 22 |
|
| Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mobɛhunu Onipa Ba no nna no mu baako, na morenhunu. |
|
| 23 |
|
| Na wɔbɛse mo sɛ: Hwɛ ha! anaa: Hwɛ hɔ! a, monnkɔ, nso monnni wɔn akyi! |
|
| 24 |
|
| Na sɛdeɛ anyinam a ɛpa te ɔsoro ase fa hyerɛn kɔ ɔsoro ase, fa baabi no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛyɛ ne da no mu. |
|
| 25 |
|
| Nanso ɛtwa sɛ ɔbɛhunu amane pii na nnɛ mma yi po no ansa. |
|
| 26 |
|
| Na sɛdeɛ ɛyɛɛ Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ Onipa Ba no nna mu. |
|
| 27 |
|
| Wɔdidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa awadeɛ de kɔsii da a Noa hyɛnee adaka no mu, na nsuyire no baeɛ, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa. |
|
| 28 |
|
| Sɛ nso ɛyɛɛ Lot nna mu ne no, wɔdidii, na wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, wɔduae, na wɔtotoo adan. |
|
| 29 |
|
| Na da a Lot firii Sodom kɔeɛ no, ogya ne sɔfe firi soro tɔeɛ, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa. |
|
| 30 |
|
| Saa ara na ɛbɛyɛ ɛda a Onipa Ba no bɛyi ne ho adie no. |
|
| 31 |
|
| Da no ara, deɛ ɔwɔ ɛdan atifi na ne biribi wɔ ɛdan mu no, mma no nnsiane mmmɛfa; na deɛ ɔwɔ afuo mu no nso, mma no nnsane n’akyi. |
|
| 32 |
|
| Monkae Lot yere no! |
|
| 33 |
|
| Obiara a ɔbɛhwehwɛ sɛ ɔgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a ne kra bɛfiri ne nsa no ɔbɛgye no nkwa. |
|
| 34 |
|
| Mese mo sɛ: Anadwo no, nnipa baanu bɛda mpa korɔ so; wɔbɛfa ɔbaako, na wɔagya ɔbaako. |
|
| 35 |
|
| Mmaa baanu bɛbom ayam ayuo; wɔbɛfa ɔbaako, na wɔagya ɔbaako. |
|
| 36 |
|
| [Mmarima baanu bɛtena afuom; wɔbɛfa ɔbaako, na wɔagya ɔbaako.] |
|
| 37 |
|
| Na wɔbua see no sɛ: Ɛhe, Awurade? Na ɔsee wɔn sɛ: Deɛ efunu wɔ no, ɛhɔ na apɛtɛ bɛboaboa wɔn ano. |
|
|
|
|