Na yewiee nna no di no, yefii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma begyaa yɛn kwan de kosii sɛ yefii kurow no mu, na yɛkotow mpoano hɔ bɔɔ mpae.
na ɔbaa yɛn nkyɛn no, ɔfaa Paulo abɔso de kyekyee ne nan ne ne nsa kae sɛ: Sɛnea Honhom Kronkron se ni: Ɔbarima a abɔso yi yɛ ne dea no, Yudafo a wɔwɔ Yerusalem bɛkyekye no saa ara, na wɔayi no ahyɛ amanaman nsa.
Na Paulo buae sɛ: Adɛn na moresu na mububu me koma yi? Me de, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti ɛnyɛ ɔkyere nko na wɔbɛkyere me, na mpo mewu Yerusalem hɔ.
Fa wɔn na wo ne wɔn nkodwira mo ho, na tua ka ma wɔn, na wonyi wɔn ti; na wɔn nyinaa nhu sɛ wo ho nsɛm a wɔtee no biara nnim, na mmom wo ankasa nso wonam pɛpɛɛpɛ di mmara no so.
Na amanaman a wɔagye adi no ho de, yɛakyerɛw na yɛabu ntɛn sɛ wonyi wɔn ho mfi abosom afɔre ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ ho.
Ɛnna Paulo faa mmarima no, na n’adekyee a ɔne wɔn dwiraa wɔn ho no, ɔne wɔn kɔɔ asɔrefi sɛ ɔkɔkyerɛ ahodwira nna no wie a wobewie no, na wɔabɛbɔ afɔre ama wɔn nyinaa mmiako mmiako.
Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafo nso aba asɔrefi de efi abɛka kronkronbea ha yi.