Na yɛwiee nna no die no, yɛfirii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyaa yɛn kwan de kɔsii sɛ yɛfirii kuro no mu, na yɛkotoo mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ.
na ɔbaa yɛn nkyɛn no, ɔfaa Paulo abɔsoɔ de kyekyeree ne nan ne ne nsa kaa sɛ: Sɛdeɛ Honhom Kronkron seɛ ni: Ɔbarima a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no, Yudafoɔ a wɔwɔ Yerusalem bɛkyekyere no saa ara, na wɔayi no ahyɛ amanaman nsa.
Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.
Fa wɔn, na wo ne wɔn nkɔdwira mo ho, na tua ka ma wɔn, na wɔnyi wɔn ti; na wɔn nyinaa nhunu sɛ, wo ho nsɛm a wɔteeɛ no biara nnim, na mmom wo ara nso wonam pɛpɛɛpɛ di mmara no so.
Na amanaman a wɔagye adie no ho deɛ, yɛatwerɛ, na yɛabua sɛ wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afɔdeɛ ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wɔwuiɛ ne adwamammɔ ho.
Ɛnna Paulo faa mmarima no, na adeɛ kyeeɛ a ɔne wɔn dwiraa wɔn ho no, ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie sɛ ɔrekɔkyerɛ ahodwira nna no wie a wɔbɛwie no, na wɔabɛbɔ afɔdeɛ ama wɔn nyinaa mmaako mmaako.
Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafoɔ nso aba asɔrefie, de efi abɛka kronkronbea ha yi.