|
| 1 |
|
| Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra so mammɛka mo Onyankopɔn adansesɛm no. |
|
| 2 |
|
| Na mebɔɔ me tirim sɛ merenhwehwɛ biribiara wɔ mo hɔ, gye sɛ Yesu Kristo ne sɛ wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. |
|
| 3 |
|
| Na me de, mmerɛwyɛ ne ehu ne ahopopo bebree mu na me ne mo tenae. |
|
| 4 |
|
| Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu, |
|
| 5 |
|
| na mo gyidi annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so. |
|
| 6 |
|
| Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu, na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi de, na ɛnyɛ wiase atumfo a wobeyi wɔn hɔ no de, |
|
| 7 |
|
| na mmom yɛka Onyankopɔn nyansa ahintasɛm mu, nyansa a wɔde siei a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn anuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase ase. |
|
| 8 |
|
| Nea wiase yi atumfo mu biara anhu, na sɛ wohui a, anka wɔammɔ anuonyam Awurade no asɛnnuam, |
|
| 9 |
|
| na mmom, sɛnea wɔakyerɛw sɛ nea aniwa nhui, na aso ntee, na ɛmaa onipa koma mu da ne nea Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no. |
|
| 10 |
|
| Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn; efisɛ Honhom no pɛɛpɛɛ ade nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no nso. |
|
| 11 |
|
| Na nnipa mu hena na onim nea ɛwɔ onipa mu, gye onipa no ankasa honhom a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Nyankopɔn adwene, gye Onyankopɔn honhom. |
|
| 12 |
|
| Na yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a ofi Nyankopɔn mu, na yɛahu nea Onyankopɔn de adom yɛn. |
|
| 13 |
|
| Nso nea yɛka no, ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ, na mmom nea Honhom no kyerɛkyerɛ, na yɛde honhom ade to honhom ade ho. |
|
| 14 |
|
| Na onipa a onni honhom no nnye Onyankopɔn honhom ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ontumi nhu mu, efisɛ wobu mu atɛn honhom mu. |
|
| 15 |
|
| Na onipa a ɔwɔ honhom mu no de, obu ade nyinaa atɛn, na ɔno de, obi mmu no atɛn. |
|
| 16 |
|
| Na hena na wahu Awurade adwene sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ no? Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene. |
|
|
|
|