|
| 1 |
|
| Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛɛ Kristo Yesu somafo de kɔma ahotefo a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifo: |
|
| 2 |
|
| Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. |
|
| 3 |
|
| Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu, |
|
| 4 |
|
| sɛnea oyii yɛn wɔ ɔdɔ mu Kristo mu ansa na wɔhyɛ wiase ase, sɛ yɛnyɛ ahotefo ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim. |
|
| 5 |
|
| Oyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abagye mu, sɛnea ne pɛ anisɔ te, |
|
| 6 |
|
| na ama wɔayi n'adom a ɔde adom yɛn, wɔ ne Dɔba mu no anuonyam ayɛ. |
|
| 7 |
|
| Ɔno ankasa mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, a ɛne mfomso fakyɛ no, wɔ n'adom bebree mu. |
|
| 8 |
|
| Ɔmaa no boroo so maa yɛn, nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu. |
|
| 9 |
|
| Ɔma yehuu ne pɛ ahintasɛm, sɛnea n’anisɔ a ɛyɛ n'atirimpɔw no te. |
|
| 10 |
|
| Ɔde kyerɛɛ sɛ bere awie du sɛ wɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, mekyerɛ nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so nyinaa. |
|
| 11 |
|
| Ɔno ara Kristo mu na wɔayɛ yɛn adedifo nso, sɛnea ɔyɛ nneɛma nyinaa, ne pɛ agyinatu so no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no, |
|
| 12 |
|
| sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kan no mmɛyɛ n’anuonyam ayeyi. |
|
| 13 |
|
| Ɔno ara mu na mo nso, motee nokware asɛm a ɛne mo nkwagye ho asɛmpa no. Ɔno ara nso mu na mugye dii no, wɔde Honhom Kronkron a wɔde ahyɛ mo bɔ no, |
|
| 14 |
|
| a ɛne yɛn apɛgyadenya ahyɛnsode no asɔ mo ano asie. Eyi ne ogye a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne de ama n’anuonyam ayeyi. |
|
| 15 |
|
| Eyi nti me nso metee mo ho Awurade Yesu mu gyidi ne mo dɔ a mode dɔ ahotefo nyinaa no, |
|
| 16 |
|
| minnyae mo so aseda ne mo dinbɔ me mpaebɔ mu. |
|
| 17 |
|
| Mebɔ mpae sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyi honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu, |
|
| 18 |
|
| na moate ase, na moahu ne frɛ anidaso no ne n’apɛgyade anuonyam ahonya wɔ ahotefo no mu. |
|
| 19 |
|
| Afei nso, ɔmma mo ne tumi kɛse a ɛboro so ma yɛn a yegye di, sɛnea n’ahoɔden tumi adeyɛ |
|
| 20 |
|
| a ɔde yɛɛ ade Kristo mu, nyan no fii awufo mu no te. Ɔde no tenaa ne nifa ɔsoro, |
|
| 21 |
|
| panyinni ne tumidi ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde to, ɛnyɛ wiase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu. |
|
| 22 |
|
| Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase, na ɔde no ayɛ ade nyinaa so ti ama asafo |
|
| 23 |
|
| a ɛne ne nipadua no, nea ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ nneɛma nyinaa mu no mayɛ. |
|
|
|
|