Twi Revised Asante 2012
|
| 1 |
| Na wo deɛ, ka nsɛm a ɛfata nkyerɛkyerɛ pa no. |
| 2 |
| Nkɔkoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwene mu nte, wɔn ho nyɛ wɔn den, gyidie, ɔdɔ, ne boasetɔ fam. |
| 3 |
| Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛdeɛ ɛfata nnipa kronkron, wɔnnni nsekuro, wɔnnyɛ asadweam, wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa, |
| 4 |
| na wɔde ate mmabaa adwene mu ama wɔadɔ wɔn kununom ne wɔn mma, |
| 5 |
| na wɔadwene adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afie yie, ayɛ adɛɛfoɔ, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ara wɔn kununom, na wɔanka Nyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne. |
| 6 |
| Mmeranteɛ nso saa ara na tu wɔn foɔ, na wɔnnwene adwempa. |
| 7 |
| Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro, |
| 8 |
| asɛmpa a ɛyɛ a wɔnnya ho asɛm bi nka adi, na deɛ ɔne yɛn anya no afɛre, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn ho bɔne biara ka. |
| 9 |
| Nkoa nso, wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ara wɔn wuranom, wɔnsɔ wɔn ani adeɛ nyinaa mu, wɔnntuatua nsɛm ano, |
| 10 |
| wɔnnwia nnoɔma nketenkete, na mmom wɔnyi nokorɛ pa nyinaa nkyerɛ; na wɔde atoto yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ kwan mu, adeɛ nyinaa mu. |
| 11 |
| Na Nyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho. |
| 12 |
| Na ɛyɛne yɛn, sɛ, sɛ yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemuteɛ ne tenenee ne onyamesom pa ntena wiase berɛ yi mu, |
| 13 |
| ntwɛn Onyankopɔn kɛseɛ ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie. |
| 14 |
| Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden. |
| 15 |
| Yeinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho foɔ, na yi ho atɛn. Mma obi mmmu wo animtia. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twirevised/titus/002.mp3
3
2