|
| 1 |
|
| Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni, |
|
| 2 |
|
| ne onuabea Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo fi: |
|
| 3 |
|
| Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. |
|
| 4 |
|
| Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase, |
|
| 5 |
|
| efisɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefo nyinaa ne wo gyidi a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka. |
|
| 6 |
|
| Na mebɔ mpae sɛ nnepa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidi adɔe nnwuma no ada adi kɛse. |
|
| 7 |
|
| Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigye ne awerɛkyekye bebree, sɛ woama ahotefo no akoma atɔ wɔn yam. |
|
| 8 |
|
| Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoduru kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ ade a ɛfata yi, |
|
| 9 |
|
| nanso ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seisei meyɛ Kristo Yesu deduani nso. |
|
| 10 |
|
| Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehama mu, Onesimo |
|
| 11 |
|
| (a kan no, ne ho nni mfaso mma wo, na afei oye ma wo ne me). |
|
| 12 |
|
| Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m'akoma. |
|
| 13 |
|
| Anka mepɛe sɛ mesan no ma ɔtena me nkyɛn, na wasi w’ananmu asom me, wɔ asɛmpa nkyehama no mu, |
|
| 14 |
|
| nanso mampɛ sɛ mifi w’akyi meyɛ biribiara, na wo yiyeyɛ anyɛ sɛ efi ɔhyɛ mu, na mmom afi ɔpɛ mu. |
|
| 15 |
|
| Na ebia eyi nti na ɔne wo tetew mu kakra, sɛ wubenya no daa, |
|
| 16 |
|
| ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom nea ɔsen akoa, sɛ onua dɔfo a oye ma me titiriw, na menne sɛ wo, ɔhonam ne Awurade fam. |
|
| 17 |
|
| Enti sɛ wubu me sɛ ɔyɔnko de a, gye no sɛ me ara. |
|
| 18 |
|
| Na sɛ wayɛ wo bɔne bi, sɛ nso ɔde wo ka bi a, bu brɛ me. |
|
| 19 |
|
| Me Paulo na mede m’ankasa nsa mekyerɛw sɛ: Metua ka biara a ɔde wo, anka mempɛ sɛ, mekae wo mpo sɛ wo ara ankasa wode me ka. |
|
| 20 |
|
| Yiw, onua, ma minnya wo ho biribi a eye, Awurade mu, na me koma ntɔ me yam wɔ Kristo mu. |
|
| 21 |
|
| Mewɔ awerɛhyɛm wɔ wo setie ho nti na mekyerɛw wo nhoma yi, na minim sɛ wobɛyɛ asen nea maka yi mpo. |
|
| 22 |
|
| Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ ɛnam mo mpaebɔ so, wɔde me bɛsan abrɛ mo. |
|
| 23 |
|
| Epafra, me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu, |
|
| 24 |
|
| Marko, Aristarko, Dema ne Luka, me yɔnkonom adwumayɛfo, kyiakyia wo. |
|
| 25 |
|
| Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom. |
|
|
|
|