|
| 1 |
|
| Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni, |
|
| 2 |
|
| ne onuabaa Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo fie: |
|
| 3 |
|
| Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo! |
|
| 4 |
|
| Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase, |
|
| 5 |
|
| ɛfiri sɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefoɔ nyinaa ne wo gyidie a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka. |
|
| 6 |
|
| Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse. |
|
| 7 |
|
| Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ bebree, sɛ woama ahotefoɔ akoma atɔ wɔn yam. |
|
| 8 |
|
| Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi, |
|
| 9 |
|
| nanso, ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seesei mesane meyɛ Kristo Yesu deduani nso: |
|
| 10 |
|
| Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehoma mu, Onesimo |
|
| 11 |
|
| (a kane no, ne ho nni mfasoɔ mma woɔ, na afei ɔyɛ ma wo ne me). |
|
| 12 |
|
| Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m’akoma. |
|
| 13 |
|
| Anka mepɛɛ sɛ mesianka no ma no tena me nkyɛn, na wasi w’anan mu asom me wɔ asɛmpa nkyehoma no mu, |
|
| 14 |
|
| nanso mampɛ sɛ mefiri w’akyiri meyɛ biribiara, na wo yieyɛ anyɛ sɛ ɛfiri ɔhyɛ mu, na mmom afiri ɔpɛ mu. |
|
| 15 |
|
| Na ebia yei nti na ɔne wo tetee mu kakra, sɛ wobɛnya no daa, |
|
| 16 |
|
| ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam. |
|
| 17 |
|
| Enti sɛ wobu me sɛ ɔyɔnkoɔ deɛ a, gye no sɛ me ara. |
|
| 18 |
|
| Na sɛ wayɛ wo bɔne bi, sɛ nso ɔde wo ka biara a, bu brɛ me. |
|
| 19 |
|
| Me Paulo na mede me ara me nsa meretwerɛ sɛ: Mɛtua ka biara a ɔde wo, na anka mempɛ sɛ mekae wo mpo sɛ wo ara ankasa wode me ka. |
|
| 20 |
|
| Aane, onua, ma mennya wo ho biribi a ɛyɛ, Awurade mu, na ma m’akomam ntɔ me yam wɔ Kristo mu. |
|
| 21 |
|
| Mewɔ awerɛhyɛmu wɔ wo setie ho nti na meretwerɛ wo nwoma yi, na menim sɛ wobɛyɛ asene deɛ maka yi mpo. |
|
| 22 |
|
| Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ, ɛnam mo mpaebɔ so. wɔde me bɛsane abrɛ mo. |
|
| 23 |
|
| Epafra, me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu, |
|
| 24 |
|
| Marko, Aristarko, Dema ne Luka, me yɔnkonom adwumayɛfoɔ, kyeakyea wo. |
|
| 25 |
|
| Awurade Yesu Kristo adom nka wo honhom. |
|
|
|
|