na monhyɛ wɔn sɛ: Montase aboɔ dummienu mfiri Yordan mfimfini ha mfiri deɛ asɔfoɔ no nan gyinaa pintinn hɔ, na momfa ntwa, na monkɔgya no mo asoɛeɛ a mobɛsoɛ hɔ anadwo yi.
Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsene nni AWURADE mo Nyankopɔn adaka no anim nkɔ Yordan mfimfini, na montase aboɔ mmaako mmaako mmobɔ mo kɔn ho, sɛdeɛ Israelfoɔ mmusuakuo no ano sie, na yei ayɛ mo mu nsɛnkyerɛnneɛ.
Na Israelfoɔ no yɛɛ saa, sɛdeɛ Yosua hyɛeɛ no, na wɔtasee aboɔ dummienu Yordan mu, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Yosua no, sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no ano sie, na wɔde twa baa wɔn asoɛeɛ, na wɔgyaa no hɔ.
Na asɔfoɔ a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kɔsii sɛ wɔwiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa sɛ Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.
Na asɔfoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no foro firii Yordan mu na asɔfoɔ no anammɔn bɛsii asase pɛsɛɛ soɔ ara pɛ, na Yordan mu nsuo no sane baa n’afa, na ɛbɛkataa ne nsunoa nyinaa sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.
sɛ AWURADE mo Nyankopɔn wee Yordan nsuo no mo anim kɔsii sɛ motwaeɛ, sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn yɛɛ Mmɛwa Po no a ɔweeɛ no yɛn anim kɔsii sɛ yɛtwaeɛ no,