|
| 1 |
|
| Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adɔ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Yei nti wiase nhu yɛn, ɛfiri sɛ ɛnhunuu no. |
|
| 2 |
|
| Adɔfo, afei yɛyɛ Nyankopɔn mma, na deɛ yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yɛnim sɛ, sɛ ɔyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhu no sɛdeɛ ɔteɛ. |
|
| 3 |
|
| Na obiara a ɔwɔ ne ho anidasoɔ yi no, ɔte ne ho sɛdeɛ ɔno ho teɛ. |
|
| 4 |
|
| Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ de to mmara, na bɔne ne mmarato. |
|
| 5 |
|
| Na monim sɛ ɔno deɛ, ɔyii ne ho adi sɛ ɔrebɛyi bɔne akɔ, na bɔne nni ne mu. |
|
| 6 |
|
| Obiara a ɔte ne mu no nyɛ bɔne. Obiara a ɔyɛ bɔne no nhunuu no, nanso ɔnnim no. |
|
| 7 |
|
| Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo. Deɛ ɔyɛ deɛ ɛtene no, ɔtene sɛdeɛ ɔno nso tene. |
|
| 8 |
|
| Deɛ ɔyɛ bɔne no firi ɔbonsam, ɛfiri sɛ ɔbonsam na ɔfiri mfitiaseɛ yɛɛ bɔne. Yei nti na Nyankopɔn Ba no bɛyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma. |
|
| 9 |
|
| Obiara a Onyankopɔn awo no no nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ ne su te ne mu, na ɔntumi nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na wawo no. |
|
| 10 |
|
| Yei mu na Nyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adie. Obiara a ɔnyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɔnnɔ ne nua no mfiri Onyankopɔn. |
|
| 11 |
|
| Na yei ne kaseɛ a moate firi mfitiaseɛ sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, |
|
| 12 |
|
| ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri bɔne mu na ɔkumm ne nua no. Na adɛn nti na ɔkumm no? Ɛfiri sɛ ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne, na ne nua deɛ no deɛ, ɛtene. |
|
| 13 |
|
| Anuanom, wiase tan mo a, mommma no nnyɛ mo nwanwa. |
|
| 14 |
|
| Yɛn deɛ, yɛnim sɛ yɛatwa mu afiri owuo mu akɔ nkwa mu, ɛfiri sɛ yɛdɔ anuanom. Deɛ ɔnni dɔ no te owuo mu. |
|
| 15 |
|
| Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudini; na monim sɛ daa nkwa rentena owudini biara mu. |
|
| 16 |
|
| Yei mu na yɛahunu ɔdɔ no, sɛ ɔno de ne nkwa too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn nkwa to hɔ ma anuanom. |
|
| 17 |
|
| Na deɛ ɔwɔ wiase asetenadeɛ, na ɔhunu ne nua sɛ ahia no, na ɔbɔ no ayamuɔnwono no, Nyankopɔn dɔ no te ne mu sɛn? |
|
| 18 |
|
| Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkyerɛma nnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛɛ ne nokorɛ mu. |
|
| 19 |
|
| Na yei mu na yɛbɛhunu sɛ yɛfiri nokorɛ no mu, na yɛbɛdwodwo yɛn akoma wɔ n’anim sɛ, |
|
| 20 |
|
| sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn so kyɛne yɛn akoma na ɔhunu ade nyinaa. |
|
| 21 |
|
| Adɔfo, sɛ yɛn akoma mmu yɛn fɔ a, ɛnneɛ yɛde nnam kɔ Nyankopɔn anim, |
|
| 22 |
|
| na biribiara a yɛsrɛ no, yɛnya firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so, na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani. |
|
| 23 |
|
| Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛdeɛ ɔmaa yɛn ahyɛdeɛ no. |
|
| 24 |
|
| Na deɛ ɔdi n’ahyɛdeɛ soɔ no te ne mu, na ɔno nso te ne mu. Na deɛ yɛde hunu sɛ ɔte yɛn mu ne honhom a ɔde ama yɛn no. |
|
|
|
|