×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Adiyisɛm 15

1
Na mihuu sɛnkyerɛnne foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa ɔsoro: Abɔfo baason a wokurakura ɔhaw mmusu ason a etwa to no a ɛno na etwa Onyankopɔn abufuw no to.
2
Na mihuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po a ogya fra mu. Na wɔn a wodii aboa no ne ne honi ne ne din akontaahyɛde ho nkunim no gyinagyina ahwehwɛ po no ano kurakura Onyankopɔn asanku.
3
Na wɔto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Oguammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.
4
Awurade, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi.
5
Na eyinom akyi no mehwɛe, na wɔahiɛ adanse ntamadan no asɔredan no ɔsoro.
6
Na abɔfo baason a wokurakura ɔhaw mmusu ason no fi asɔredan no mu fii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛharan, na wɔde sika abɔso abobɔ wɔn mu.
7
Na ateasefo baanan no mu biako maa abɔfo baason no sika nkuruwa ason a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no mama.
8
Na owusiw a efi Nyankopɔn anuonyam ne ne tumi no mu hyɛɛ asɔredan no ma, na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kosii sɛ wowiee abɔfo baason no ɔhaw mmusu ason no ansa.
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw