Ɔbɛkaa sɛ: Mesrɛ wo, ma menni ayutwafoɔ no akyi menni mpɛpɛ mentase afiafi no ntam. Na ɔbae, na ɔkura mu ara de firi anɔpa de abɛduru sɛsɛɛ a ɔnhomee kakraa bi mpo.
Ma w’ani mmra afuo no fa a wɔtwa hɔ, na di wɔn akyi. Hwɛ, mahyɛ mmeranteɛ no sɛ wɔnnha wo. Na sɛ sukɔm de wo a, kɔ nnoɔma no ho kɔnom deɛ mmeranteɛ no asa no bi.
Na Boas buaa no sɛ: Deɛ wo kunu wuo akyi woyɛɛ w’ase no nyinaa, wɔatu aseɛ aka akyerɛ me; sɛdeɛ wogyaa w’agya ne wo na ne asase a wɔwoo wo wɔ soɔ, na wonam baa ɔman a wonni wɔn da yi nkyɛn no.
Na ɔkaa sɛ: Me wura, ma me nkɔ so ara nya w’anim adom, ɛfiri sɛ, woakyekyere me werɛ, na woaka w’abaawa asomdwoeɛsɛm, nso mente sɛ wo mmaawa yi mu biara mpo.
Na ɛduruu adidiberɛ no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: Bra ha bɛdi aduane no bi, na fa wo buprɛko bɔ nsa kekakeka no mu. Na ɔbɛtenaa ayutwafoɔ no nkyɛn. Na ɔmaa no nkyeweɛ no bi, na ɔwe mee maa ebi kae.
Ɛnna n’ase ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wokɔdii mpɛpɛ nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma yi? Nhyira nka deɛ n’ani kuu wo ho no. Na ɔkyerɛɛ n’ase onii ko a ɔkɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma no sɛ: Ɔbarima a mekɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma nnɛ no din de Boas.
Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Nhyira nka no AWURADE a ɔnnyaee ateasefoɔ ne awufoɔ adɔeɛyɛ no anim. Na Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima no bɛn yɛn, ɔyɛ yɛn bogya.