Na Dawid guan fii Naiot wɔ Rama, na ɔbae bɛka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Dɛn na mayɛ? M’amumɔyɛ ne dɛn, na me bɔne ne dɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me akum me yi?
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu, hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛse anaa ade ketewa bi gye sɛ oyi me asotiw ansa; na ɛdɛn nti na m’agya de asɛm yi behintaw me? Ɛnte sa.
Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim anuonyam, enti na ose: Wɔmmma Yonatan nnhu eyi, na ɛmmmɛyɛ no yaw; na ampa ara, AWURADE te ase na wo kra nso te ase yi, ɔnammɔn pɛ na ɛda me ne owu ntam.
Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Hwɛ, ɔkyena na ɔsram fi, a ɛsɛ sɛ anka me ne ɔhene kɔtena adidii; na ma menkɔ minkohintaw wuram nkosi da a ɛto so abiɛsa no anadwofa.
Sɛ w’agya bisa m’akyi kwan a, ɛnne ka kyerɛ no sɛ: Dawid asrɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem, na abusua no nyinaa wɔ afirihyia afɔrebɔ wɔ hɔ.
Na yɛ w’akoa adɔe, efisɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛn; na sɛ amumɔyɛ bi wɔ me mu a, wo ara kum me, na ɛdɛn nti na wode me rekɔma w’agya?
Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sesɛbere, mehwɛ m’agya adwene, na eye wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammeyi wo asotiw a!
Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma mammeyi wo asotiw, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoe mu a, AWURADE nyɛ Yonatan sa na ɔnka ho sa! Na AWURADE nni w’akyi sɛnea odi m’agya akyi no.
Na hwɛ, mɛsoma abofra sɛ: Kɔhwehwɛ agyan no. Sɛ mise abofra no sɛ: Hwɛ, agyan no wɔ wo nkyɛn mu ha, tase bra a, ɛnne bra, na, sɛ AWURADE te ase yi, asomdwoe na ɛwɔ hɔ ma wo, asɛm bi nni hɔ.
Na n’adekyee a ɛyɛ ɔsram no da a ɛto so abien a Dawid atenae da mpan no, Saul ka kyerɛɛ ne ba Yonatan sɛ: Ɛdɛn nti na Yese ba no mmaa adidi ase nnɛra ne nnɛ yi?
na ose: Gya me kwan ɛ, na yɛwɔ abusua afɔrebɔ bi wɔ kurow no mu, na me nua ahyɛ me sɛ memmra. Enti afei, sɛ manya w’anim anuonyam a, ma menkɔ menkɔhwɛ me nuanom. Enti na wamma ɔhene pon ho yi.
Ɛnna Saul bo fuw Yonatan, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo, ɔbea brakyewni tuatewfo ba, so minhui sɛ woafa Yese ba no adamfo de rehyɛ wo ho ne wo na adagyaw mu aniwu?
Abofra no kɔe; na Dawid sɔre fii abokuw no ho, na ɔde n’anim bebutuw fam na ɔkotowee mprɛnsa, na wofefew wɔn ho ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid de boroo so.
Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoe mu. Sɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefo ne w’asefo ntam nkosi daa. Na osii mu kɔe; na Yonatan baa kurow no mu.