Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi di, na waka akyerɛ me sɛ: Mma obiara nnhu dekode a meresoma wo ho, ne nea mahyɛ wo no ho biribi; na mmerante no nso, mahyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ baabi.
Na Dawid bua see ɔsɔfo no sɛ: Ampa, nnansa ni a misiim yi, yennyaa ɔbea ho kwan da; ɔkwan hunu a yɛretu no mu mpo, na mmerante no ade ho tew, na menne nnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn ade ho tew yi.
Na Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek sɛ: So peaw anaa nkrante bi nni wo nsam ha? Na me nkrante ne me nneɛma po mamfa mankura, efisɛ ɔhene asɛm no, wɔpɛ no ntɛm.
Na ɔsɔfo no kae sɛ: Filistini Goliat a wukum no Ela bon mu no nkrante, hwɛ, ɛno na wɔabobɔw no ntama mu da asɔfotade no akyi no, ɛno na wobɛfa a, fa, na foforo bi nni ha sɛ ɛno. Na Dawid kae sɛ: Ebi nte sɛ ɛno, fa ma me!
Na Akis nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnyɛ Dawid, asase no so hene no ni? Ɛnyɛ oyi na wɔtoo ne ho dwom asaw mu kae sɛ: Saul akum n’apem, apem na Dawid akum ne ɔpedu, ɔpedu, no?